Ephesians 5

Hwɛ sɛ wobɛfata Onyankopɔn anim

1Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma pa no nti, ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden na mosɛ no. 2Ɛsɛ sɛ ɔdɔ di mo abrabɔ so sɛnea Kristo dɔɔ yɛn no nti, ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ huam na ɛsɔ Onyankopɔn ani no.

3Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no nti, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ aguamammɔ anaa afide anaa anibere so de bata mo din ho. 4Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi. Mmom ɛsɛ sɛ moda Onyankopɔn ase.

5Munnya ntease sɛ, obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo, anibere yɛ abosonsom no bi no, rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn ahenni no mu bi. 6Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ, saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no. 7Enti mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara. 8Na mo ankasa mowɔ esum mu nanso esiane sɛ moabɛyɛ Awurade nkurɔfo no nti, moaba hann mu. Enti ɛsɛ sɛ motena ase sɛ nnipa a wɔyɛ hann mma. 9Efisɛ, hann no na wotwa mu aba pa biara, a ɛyɛ trenee ne nokware.

10Munsua nea ɛsɔ Awurade ani yɛ. 11Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a nnipa yɛ a ɛwɔ esum mu no ho. Na mmom, monna no adi wɔ hann mu. 12Ɛyɛ aniwu sɛ wɔka nneɛma a wɔyɛ no esum mu no ho asɛm? 13Na sɛ wɔda nneɛma no nyinaa adi wɔ hann mu a, na wobehu wɔn su ankasa. 14Efisɛ, biribiara a wɔda no adi no bɛyɛ hann. Enti na wɔaka se, “Nyan, wo a woada, na sɔre fi awufo mu! Na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.” 15Enti monhwɛ mo asetena so yiye pa ara. Monntena ase sɛ wɔn a wonnim hwee, na mmom montena ase sɛ anyansafo. 16Bere biara a mubenya no, monhwere no yiye efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne. 17Monnyɛ adwenem harefo na monhwehwɛ nea Awurade pɛ sɛ moyɛ.

18Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ɔsɛe mu. Na mmom momma Honhom Kronkron no nhyɛ mo ma.

19Momfa nnwom mu nsɛm nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ koma mu. 20Bere biara monna Agya Onyankopɔn ase wɔ biribiara mu wɔ Awurade Yesu Kristo din mu.

Ɔyerenom ne okununom

21Esiane obu a mubu Kristo nti, mommrɛbrɛ mo ho ase.

22Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23efisɛ, okunu wɔ tumi wɔ ne yere so sɛnea Kristo nso wɔ tumi wɔ asafo no so no. Kristo ankasa nipadua no yɛ asafo no Agyenkwa. 24Enti ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase koraa ma wɔn kununom sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no.

25Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no nti ɔde ne kra too hɔ, 26nam asubɔ ne Onyankopɔn asɛm so de tew ho 27de ama ne ho wɔ ne fɛ ne ne kronnyɛ mu a ɛho ntɔɔ kyima bi no. 28Ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho. 29Obiara ntan ne ho. Mmom, ɔma no aduan di, hwɛ no yiye sɛnea Kristo hwɛ asafo no pɛ; 30yɛn nso yɛyɛ ne nipadua ho akwaa bi.

31Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na na ɔde ne ho akɔbata ne yere na wɔn baanu no nyinaa ayɛ biako.” 32Saa asɛm yi yɛ nokware na mete ase sɛ ɛfa Kristo ne asafo no ho. 33Na ɛfa wo nso wo ho. Ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso bu ne kunu.

Copyright information for TwiNAK